Monto Yehowa Akwan Ho Dwom Lyrics

Monto Yehowa Akwan Ho Dwom Lyrics. Monto Yehowa akwan ho dwom Sɛ n’anuonyam no yɛ kɛse ɔno ne yɛn kra hintabea ɔremma bɔne bi nto yɛn Monto ayeyi dwom mma no Na ne nnwuma yɛ nokware Nhyira nka Onyankopɔn.

Monto Yehowa Akwan Ho Dwom Lyrics

Monto Yehowa akwan ho dwom
Sɛ n’anuonyam no yɛ kɛse
ɔno ne yɛn kra hintabea
ɔremma bɔne bi nto yɛn

Monto ayeyi dwom mma no
Na ne nnwuma yɛ nokware
Nhyira nka Onyankopɔn

ɔka po nsu boa ano kuw
ɔde bun sie nea ɛhɔ dɔ
Ne nyansa mu nni hwehwɛbea
Dɛn na wo de bɛto ne ho

ɔremma wo nan nwatiri
Nea ɔhwɛ wo so no rento nko
Owia renhye wo awia
Na ɔsram rensi woso anadwo

Dɛn na menfa mma Awurade
Mɛto n’ayeyi dwom no daa
Ma me kra ntra ase nyi woayɛ
Na menka wo nkwagye no nkyerɛ

I Can Thrill You More Than Any Thriller Lyrics